filmov
tv
Hannah Marfo – Yesu Kokroko lyrics (Odomfo ne mobrohunufo)

Показать описание
Hannah Marfo Yesu Kokroko lyrics
[INTRO]
Yesu Kokroko, Onyame ɔnwanwa ei
Yesu Kokroko eh, Nyame ɔnwanwa ei
Manhyia Wo a, nka mereyɛ dɛn ni eh? (Eh, i-yeh, i-yeh)
Manhyia Wo a, nka mayera o (Oh, Daa Agya ei)
Manhyia Wo a, nka mereyɛ dɛn ni eh? (Eh, i-yeh, i-yeh)
Manhyia Wo a, nka mayera o. (Oh, Daa Agya ei) 2X
Nyame Kokroko, w'anim ne w'akyi
Obi nni hɔ bio o
Hwan na 'ɛbɛtumi ɛne Wo adi asi o?
Wo na woma Wo nsa so a na ahonhom bɔne retutu
Wo na woma Wo nsa so a na nsɛnkyerɛne resisi
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o Ɔsahene ei
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o Ɔsahene ei
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o Ɔsahene ei
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o 2X
Nyame Kokroko, w'anim ne w'akyi
Obi nni hɔ bio o
Hwan na 'ɛbɛtumi ɛne Wo adi asi o?
Wo na woma Wo nsa so a na ahonhom bɔne retutu
Wo na woma Wo nsa so a na nsɛnkyerɛne resisi
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o Ɔsahene ei
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o Ɔsahene ei
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o Ɔsahene ei
Manyi W'ayɛ a na meyɛ otiafoɔ o
[INTERLUDE]
Yesu Kokroko, Onyame ɔnwanwa ei
Yesu Kokroko eh, Nyame ɔnwanwa ei
Manhyia Wo a, nka mereyɛ dɛn ni?
Anka maporɔ, anka mawu, nka masɛe o
Manhyia Wo a nka mereyɛ deɛn ni eh?
Eh, i-yeh, i-yeh
Manhyia Wo a nka mensɛ nipa o
Nka masɛe o
Yesu Kokroko, Onyame ɔnwanwa ei
Yesu Kokroko eh, me Nyame ɔdomfo ei
Manhyia Wo a, nka mereyɛ dɛn ni?
Anka maporɔ, nka masɛe o, anka mawu o
Manhyia Wo a nka mereyɛ deɛn ni eh? (Eh, i-yeh, i-yeh)
Manhyia Wo a nka mawu o (Oh, Daa Agya ei)
[INTERLUDE]
Mɛda W'ase, Wo nko ara na Wosɛ aseda o
Onyame, mɛyi W'ayɛ, Wo nko na Wosɛ ayeyi woate
Ah, mɛda W'ase, mɛyi W'ayɛ, mɛkoto Wo
Mɛmunimuni wɔ W'anim woate
Mɛhurihuri wɔ W'anim o, Onyame ei
Wo nko na, mɛyi W'ayɛ o
Mese, Wo nko na, mɛyi W'ayɛ o 2X
Mɛda W'ase o, Wo nko ara na Wosɛ aseda woate
Onyame, mɛyi W'ayɛ, Wo nko ara na Wosɛ ayeyi o
Ah, mɛyi W'ayɛ, mɛma Wo so, mɛkoto Wo
Mɛmunimuni wɔ W'anim woate
Mɛma Wo so, Israel Dɔmbarima ei
Wo nko ara na, mɛyi W'ayɛ o
Mese, Wo nko ara na, mɛyi W'ayɛ o 2X
[INTERLUDE]
Ɔdomfo ne Mmɔborɔhunufo, ayeyi nka Wo
Ɔdomfo ne Mmɔborɔhunufo, ayeyi nka Wo
Ayeyi nka Wo, ɛwɔ Sorosoro hɔ
Baabi a Wote no o 2x
[INTERLUDE]
Ɔdomfo ne Mmɔborɔhunufo, ayeyi nka Wo
Papa ei, Wo ba mema Wo so o
Ayeyi nka Wo, ɛwɔ Sorosoro hɔ
Baabi a Wote no o
Ɔdomfo ne Mmɔborɔhunufo, ayeyi nka Wo
Ewiase nyinaa, yɛyi W'ayɛ o
Ayeyi nka Wo, ɛwɔ Sorosoro hɔ
Baabi a Wote no o
Ɔdomfo ne Mmɔborɔhunufo, ayeyi nka Wo
Yɛn nyinaa, yɛbɔ mu, yɛyi Wayɛ o
Ayeyi nka Wo, ɛwɔ Sorosoro hɔ
Baabi a Wote no o
[CHORUS]
Ɔdomfo ne Mmɔborɔhunufo, ayeyi nka Wo
Ɔdomfo ne Mmɔborɔhunufo, ayeyi nka Wo
Ayeyi nka Wo, ɛwɔ Sorosoro hɔ
Baabi a Wote no o
Комментарии